John 10

Oguanhwɛfo pa no

1“Mereka nokware akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nguandan kwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifo. 2Onipa a ɔfa ɔkwan ano kɔ mu no ne oguanhwɛfo no. 3Ɔpon no anohwɛfo no bue pon no ma no, na sɛ ɔfrɛ nguan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi. 4Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ, wɔte ne nne. 5Wɔrenni onipa foforo biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a, wɔremma, efisɛ, wɔnte ne nne.”

6Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.

7Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, mene nguandan no ano pon no. 8Wɔn a wodii mʼanim kan no yɛ awifo ne adwotwafo ɛno nti, nguan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi. 9Mene ɔpon no. Obiara a ɔnam me so bewura mu no benya nkwa; obewura mu asan afi adi na obenya adidibea. 10Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a ɛho nni asɛm biara.

11“Mene Oguanhwɛfo pa no. Oguahwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to hɔ ma ne nguan. 12Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura ɛno nti, sɛ ohu sɛ pataku reba a, oguan gyaw nguan no hɔ na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ apete. 13Ɔpaani no guan efisɛ, wɔabɔ no paa, na nguan no yiyedi mfa ne ho.

14“Mene Oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan na me nguan nso nim me, 15sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mewu ama nguan no. 16Nguan afoforo bi wɔ hɔ a wɔyɛ me de nanso wonnya mmɛkaa saa nguankuw yi ho. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nguankuw yi ho. Wobetie me nne na wɔbɛyɛ nguankuw baako a oguanhwɛfo baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so.

17“Agya no dɔ me efisɛ, masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. 18Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesan gye bio. Eyi ne nea mʼagya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”

19Asɛm a Yesu kae no nti ɛmaa mpaepaemu baa Yudafo no mu. 20Wɔn mu pii kae se, “Ɔwɔ hohommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn nti na mutie no?”

21Afoforo nso kae se, “Onipa a ɔwɔ hohommɔne rentumi nkasa sɛɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ hohommɔne betumi ama anifuraefo ahu ade?”

Yudafo nnye Yesu nni

22Ɔpɛ bere bi mu a Asɔredandwira dui wɔ Yerusalem no, 23Yesu kɔpasee asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ no Solomon abrannaa no so hɔ. 24Yudafo no betwaa ne ho hyiae kae se, “Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”

25Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnye me nni. Me nnwuma a menam mʼagya tumi mu yɛ no di me ho adanse, 26nanso munnye nni, efisɛ, monyɛ me nguan. 27Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi. 28Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfi me nsam. 29Mʼagya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfi me nsam. 30Me ne Agya no yɛ baako.”

31Yudafo no san tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no.

32Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ sɛ musiw me abo yi?”

33Yudafo no buaa no se, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ sɛ yesiw wo abo, na mmom wʼabususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”

34Yesu buaa wɔn se, “Wɔakyerɛw wɔ mo ara ankasa mo mmara mu se, Onyankopɔn kae se, ‘Moyɛ anyame.’

35“Ɛno nti, sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokware so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no se ‘anyame’ a, 36ɛyɛ dɛn na sɛ nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, mene Onyankopɔn Ba no a, muse waka abususɛm? 37Sɛ menyɛ nnwuma a mʼagya pɛ sɛ meyɛ no de a, ɛnne munnnye me nnni. 38Nanso sɛ meyɛ mʼagya no nnwuma na sɛ munnye me nni mpo a, munnye nnwuma no nni sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.”

39Nkurɔfo no pɛe sɛ wɔkyere no bio nanso wɔantumi. 40Yesu san twa kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ. 41Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara kae se, “Yohane anyɛ anwonwade, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokware.” 42Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no dii.

Copyright information for TwiNAK